Yɛn Kɔmputa so Nwoma
Kenkan abɔfra ketewa Ama a ɛda n’akoma so sɛ ɔbɛma wiase ayɛ beaeɛ pa no ho asɛm, a ɛkyere akoma no.

Hwehwɛ Yɛn Nwoma a ℇyɛ Nwanwa no mu
Hwehwɛ Yɛn Nwoma a ℇyɛ Nwanwa no mu
Nulla porttitor accumsan tincidunt. Pellentesque in ipsum id orci porta dapibus. Lorem ipsum dolor sit amet, consectetur adipiscing elit Vivamus suscipit tortor eget felis.
Available in Français
Available in Eʋegbe
Available in Kiswahili
No posts found!
Saa nwoma yi fa abaayewa ketewa bi a ɔwɔ abɔdeɛ ho atenka. N’ahiasɛm kɛseɛ baako ne sɛ ɔbɛma Owia ani agye. Ↄkwan a ɔbɛtumi afa so ayɛ saa ne sɛ ɔbɛma ne yam ayɛ na waboa ne nnafonom sɛdeɛ wɔnya ɔhaw. Na ne nnamfonom ne Dua, Nsuo, Mframa, Mununkum ne Bepɔ. Na Ama yɛ obi a ne yam yɛ yie na ɔboaa ne nnamfonom no nyinaa wei nti ɔmaa n’adamfo Owia seree bio. Mehyɛ awofoɔ nkuran sɛ wɔne wɔn mma nkenkan nwoma no na wɔmmoa wɔn mma wɔn ani nnye abɔdeɛ fɛɛfɛ a yɛwɔ no ho.
Ami Nwoma ahodoɔ no yɛ mmɔfra nwoma bi a ɛkasa fa ahiasɛm kɛseɛ pa ara a ɛfa nnipa nneyɛɛ a wɔde resɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no nkwa. Wɔde kasa a ɛmu yɛ mmrɛ atwa nsɛm a ani yɛ nyan a ɛrekɔ so wɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho de ama mmɔfra adwene, na ama ne kan ayɛ anika a berɛ korɔ no ara mu ɛrefrɛ n’akenkanfoɔ sɛ wɔmma wɔn homene so na wɔnnye yɛn FIE no nkwa. Saa nwoma yi kyerɛ akenkanfoɔ no sɛ wɔmfa wɔn mu adeɛ nyinaa nsɔre nko ntia adesɛeɛ ahodoɔ biara. ℇsane de adwenkyerɛ akwan a ahosɛpɛ wɔ mu a yɛde bɛkora ↃBAATAN PA ASASE to dwa. ℇyɛ akenkan papa; ɛyɛ pa ara ma mmɔfra a wɔadi mfeɛ 6-16. Mpanimfoɔ mpo ani bɛgye ho.
Ami Nwoma Ahodoɔ no yɛ nwoma a ɛyɛ anika a wɔyɛɛ sɛ ɛbɛbue akenkanfoɔ adwene mu wɔ atenaeɛ ho ne deɛ nti a ɛsɛ sɛ yɛma no yɛ beaeɛ pa a ɛho dwo ma yɛn nyinaa. Abaayewa ketewa bi nyaa anisoadehunu sɛ ɔbɛboa abɔ atenaeɛ ho ban. Na ne dwuma a ɔdie nyinaa yɛ deɛ ɔbɛyɛbɛ ama wei aba mu. Awieeɛ no mu no, ɔbisaa nsɛm pii ɛnna ɔnyaa mmuaeɛ pii. Weinom nyinaa boa maa atenaeɛ no ne ne nnamfonom no firii ɔhaw mu. M’ani gye nwoma no ho ɛsiane sɛ n'kenkan yɛ anika. Adesuadeɛ pii a yɛbɛtumi asua ahyɛ no ma sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛnha abɔdeɛ nkaeɛ no ne atenaeɛ mu no nyinaa. N’akenkan yɛ mmrɛ ɛnna nteaseɛ nso wɔ mu yie. Mfonin a wɔde taa akyire no nso ma no yɛ deɛ ɛyɛ nwanwa. Sɛ wɔtwerɛ saa nwoma yi wɔ kasa ahodoɔ pii mu ma mmɔfra kenkan a, wɔbɛsuasua Ama na wɔaboa ama wiase ayɛ tenabea pa. Saa nwoma yi ho hia yie, wɔ saa berɛ a wiem nsakyeraeɛ ne nneɛma sɛeɛ aba yi mu------------------------
Aberɛ mpo a menyɛ abɔfra bio yi, berɛ biara m’ani gye mmɔfra nwoma akenkan ho. Berɛ biara no sɛdeɛ asɛm tiawa bi ma wosua adeɛ wo nkwa nna nyinaa no kyere adwene. Ami Nwoma Ahodoɔ no akenkan ma mehunu sɛ mankenkan nwoma pii a ɛfa nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ne deɛ mmɔfra bɛtumi ayɛ ama wiase ayɛ beaeɛ pa a yɛbɛtumi atena ho. Ↄfa biara kasa fa Ama asiane dwumadie a ahomeka wɔ mu no baako ho. Na ɛyɛ asiane dwumadie a anigyeɛ ne ahomeka wɔ mu! M’ani gye sɛdeɛ nwoma no sane kasa faa ɔhaw akɛseɛ ne wiase mu haw ho wɔ ɔkwan a ɛnyɛ kuntann so no ho, ɛno nti mmɔfra bɛtumi ate aseɛ. Ↄfa a ɛdi mu pa ara ne nsɛm nkyerɛaseɛ a ɛdi atwerɛsɛm no mu biara akyi kyerɛkyerɛ asɛmfua biara a ɛyɛ den ma mmɔfra mu no.
Wo ne yɛn nni nkitaho na hunu pii fa sɛdeɛ biribi to dwa wɔ Bolingo ho