Sikatua, sɛ woresane de deɛ woatɔ no aba ne sɛ yɛresane atua wo Sika ama wo ho Nhyehyɛeɛ
ↃFA 1- KWAN A YℇBℇFA SO DE ADI DWUMA
Yɛatintim saa sikatua, sɛ woresane de deɛ woatɔ no aba ne sɛ yɛresane atua wo sika ama wo ho nhyehyɛeɛ yi ama obiara a ɔde di dwuma, wɔn a yɛne wɔn di dwuma, adetɔfoɔ ne afoforɔ a wɔde Bolingo Communications and Media Consult LLC, www.books.bolingoconsult.com dwumadie adi dwuma. Adetɔfoɔ a wɔfiri wiase afanan baabiara ka wei ho.
ↃFA 2 – AKATUA NHYEHYℇEℇ
Wɔn a wɔde di dwuma no bɛtumi de Sika Kaade atua nneɛma a ɛwɔ na ɛfa yɛn wɛbsaete no so no ka (Nkrataa nwoma a ani tua ne kɔmputa so nwoma, kasa a wɔatwe agu afidie so ne deɛ ɛkeka ho.) a ɛno nko ara ne akatua kwan a ɛwɔ Bolingo Communications and Media Consult LLC’s wɛbsaete no so. Yɛwɔ ho kwan sɛ yɛsesa akatua kwan no, de bi ka ho anaa yɛyi bi firi mu ɛsiane yɛn adwuma nti. Akatua akwan simpie ahodoɔ no nyinaa wɔ wɔn ankasa mmara ne wɔn nhyehyɛeɛ ma nsɛm ano boaboa ne nsɛm a wɔboaboa ano no dwumadie ho nhyehyɛeɛ a agye sɛ wɔakɔhwɛ saa akatua akwan simpie yinom so ansa na woatumi akenkan wɔn kokoamsɛm nhyehyɛeɛ. Wobɛtumi adi lenke a wɔde kɔhwɛ saa simpie yinom so kokoamsɛm nhyehyɛeɛ no akyi.
Wɔn a wɔde di dwuma ne adetɔfoɔ bɛtumi atwa nhyehyɛeɛ a wɔayɛ sɛ wɔde retɔ adeɛ bi mu. Wobɛtumi atwa nhyehyɛeɛ a wayɛ sɛ wode rebɛtɔ adeɛ bi mu wɔ dɔnhwere 120 a woyɛɛ nhyeyhɛeɛ no mu.
ↃFA 3 – Sℇ WODE DEℇ WOATↃ NO RESANE ABA
Sɛ w’ani nnye deɛ woatɔ no ho ɛsiane biribi nti a, Bolingo Communications and Media Consult LLC bɛsane agye adeɛ a wotɔeɛ no wɔ berɛ a ɛho ntee kyema na wɔde wo sika nyinaa ama wontua amanedeɛ sika biara. ℇsɛ sɛ adetɔfoɔ hwɛ hunu sɛ wɔahyehyɛ adeɛ a wɔtɔeɛ a wɔresane de aba no wɔ ɔkwan a ɛnsɛe so berɛ a wɔde remane no mu.
Sɛ adeɛ a wo nsa aka no asɛe ɛsiane apagya apagya anaa sɛ ɛtee kyema firii baabi a wɔyɛɛ no no a, mesrɛ wo twa adeɛ no ne deɛ na ɛhyɛ mu no kyemateɛ biara mfonin ansa na wato atwene, na wo ne yɛn nni nkitaho wɔbusiness@bolingoconsult.com so. Yɛde anigyeɛ bɛsesa no ama wo anaa yɛde wo sika bɛma wo. Yɛhwehwɛ sɛ wobɛsane de adeɛ a asɛe no abrɛ yɛn (yɛde krataa a ɛkyerɛ sɛ wɔatua sika a wɔde manee adeɔ no ka bɛkɔ) sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn nsa bɛka wo nsesa/deɛ woasesa no.
ℇsɛ sɛ woyɛ adeɛ no ho ntotoeɛ sane de ba nna 10 a wode tɔɔ adeɛ no mu.
Yɛhia adansedie krataa anaa biribiara a ɛda wo nnipa su adi na ɛsɔ ani a ɛkyerɛ sɛ woatua ka (edin, beaeɛ a womanee sɛ ɛnkɔsi adrɛɛse, ɛda a wode tɔeɛ) a ɛne deɛ ɛwɔ yɛn intanɛte so adetɔn ho nsɛm mu no bɛkɔ pɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtua wo sika ama wo anaa yɛasesa no ama wo.
Sɛ yɛn nsa nya ka deɛ yɛtɔn maa wo no ankasa ara a, yɛbɛyɛ w’abisadeɛ a no ho adwuma. Wobɛnya imeeli a ɛbɛsi adeɛ a woasane de aba no ho a adansedie krataa no a ho, anaa adansedie bi a ɛkyerɛ sɛ yɛredi adeɛ no nsesaeɛ no ho dwuma. Yɛde nsakraeɛ biara a ɛbɛba ɛboɔ no mu no bɛto sika kaade a wɔde tɔɔ adeɛ no ankasa no so & wontua sika a yɛde bɛmane adeɛ no bio. Mesrɛ wo ntwerɛ sika kaade no ho nsɛm ngu w’adansedie krataa no so – ɛsiane sɛ ɛbɛtumi aba sɛ wobɛsane de adeɛ no aba ne sɛ yɛbɛsesa adeɛ no nti, yɛn mfidie no atwe kaade no ho nsɛm a ɛte saa asie de nɔma ato so. Sɛ ɔhaw biara ba a, yɛne wo bɛdi nkitaho wɔ imeeli a wode tɔɔ adeɛ no ankasa no so.
Mesrɛ wo hyɛ no nso: Yɛresesa no ama wo no ho dwumadie bɛhia firi nnawɔte 2-4 mu.
ↃFA 4 –YℇRESANE ATUA WO SIKA AMA WO NO HO DWUMADIE
Sɛ yɛn nsa nya ka w’abisadeɛ a wode repɛ wo sika no na yɛgye to mu a, mesrɛ wo twɛn adwumayɛ nna firi 3 de rekɔ 5 na yɛmfa nni wo sika no tua no ho dwuma. Sɛ yɛgye to mu tua sika no a, sika a yɛatua no bɛfa akatua kwan a ɛdi nkan a wofaa so de tuaa ka no so. Saa sika yi bɛdi berɛ kakra ansa na ada adi wɔ deɛ yɛne no reyɛ adwuma no nsɛm mu, enti ansa na wo ne yɛn bɛdi nkitaho no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔtɔ yɛn nneɛma ne wɔn a wɔde yɛn nneɛma di dwuma no de wɔn sika kaade no kɔ nnwumakuo, sikakorabea, anaa beaeɛ biara a wɔdi sika ho dwuma no kɔhwɛ.
ↃFA 5 – WO NE YℇN NNI NKITAHO
Sɛ wowɔ nsɛmmisa biara a, hwɛ sɛ wonam imeeli a ɛdi soɔ yi so ne yɛn bɛdi nkitaho: business@bolingoconsult.com
ℇda: Obubuo 8, 2022