Mmara a ɛda sɛ wode redi dwuma ho
ↃFA 1 – NNIANIMU.
Saa nkrataa yi yɛ nkrataa a nhyehyɛeɛ, mmara, ne sɛdeɛ wode yɛn wɛbsaete ahodoɔ no nyinaa bɛdi dwuma wɔ mu (https://www.bolingoconsult.com) a ɛmu nsɛm, adwumakuo no, ne kɔmputa so dwadibea ka ho (a yɛka ne nyinaa bom frɛ no sɛ “Bolingo Communications and Media Consult LLC”, ”yɛn”, “wɛbsaete”).
Yɛde saa nkrataa yi ama wɔn a wɔde di dwuma nyinaa (“deɛ ɔde di dwuma, “wo”, “ɔtɔfoɔ”). Berɛ a wode yɛn wɛbsaete no redi dwuma, retɔ yɛn nneɛma, de yɛn nneɛma redi dwuma na wonam yɛn wɛbsaete no so ne yɛn renya nkitaho die no, wonam wei so gye tom na wohunu sɛ sɛ wode nsɛm a yɛde rema wo anaa worenya (a sɛ wone afoforɔ rekyɛ nsɛm no ka ho) a ɛka yɛn wɛbsaete no ho no wɔ mmara, nhyehyɛeɛ, nkaebɔ, ne sɛ yɛrepo biribi a ɛwɔ saa nkrataa yi mu ne mmara foforɔ pɔtee bi a yɛnam wɛbsaete no so de ama.
Yɛwɔ ho kwan sɛ berɛ biara yɛde yɛn ani di nsɛm a wɔde to yɛn wɛbsaete no so no anaa wɔde ka yɛn wɛbsaete no ho sɛ yɛhunu no sɛ ɛho hia anaa sɛ yɛde bɛyi mmara biara a yɛde di dwuma, nhyehyɛeɛ, deɛ mmara hyɛ aseɛ anaa nhyehyɛeɛ biara a ɛwɔ mu, anaa aban abisadeɛ ano.
Mesrɛ wo kenkan nhyehyɛeɛ a ɛdidi soɔ yi yie ansa na wode yɛn dwumadie, yɛn nneɛma ne yɛn wɛbsaete no adi dwuma, na hwɛ sɛ wobɛhwehwɛ nhyehyɛeɛ no mu berɛ ano berɛ ano ɛsiane sɛ yɛbɛtumi de yɛn ankasa pɛ asesa weinom berɛ biara.
1.1. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛhwɛ sɛ yɛbɛhyehyɛ dwuma biara a ɛsɛ sɛ yɛdie no ama no ayɛ nnidisoɔ nti, yɛgye nsɛm binom boaboa ano firi wɔn a wɔde yɛn wɛbsaete no si dwuma no hɔ.
Yɛaka yɛn wɛbsaete no nsɛm ano boaboa no mu nkyerɛkyerɛmu ho asɛm wɔ yɛn Kokoamsɛm Nhyɛhyɛeɛ no mu, nanso yɛbɛhia wo din nyinaa, adrɛɛse a yɛde yɛn ani hunu ne imeeli ɛnna afei akatuasɛm ho nsɛm.
ↃFA 2 – NKYERℇKYERℇMU & NKYERℇASE.
Yɛn wɛbsaete no so nkratasɛm a mmara gye tom mu no: “Ↄtɔfoɔ” kyerɛ obi a ɔde yɛn nneɛma no di dwuma anaa obi a yɛne no di dwuma anaa obi a ɔnam yɛn wɛbsaete no adetɔbea no so tɔ nneɛma.
“Ntwamu” kyerɛ sɛ woretwa dwumadie anaa nhyehyɛeɛ bi a ɛda ɔtɔfoɔ no ne Bolingo Communications and Media Consult LLC’s wɛbsaete no ntam mu. “Mmara da so” kyerɛ adeɛ biara a nsɛm a ɛyɛ kokoamsɛm wɔ mu a Bolingo Communications and Media Consult LLC hwɛ mmara a ɛda so no anaa mmara a wɔde ma obi/nnipakuo bi ma wɔkyerɛ wɔn adwene so no so.
“Nnwoma” yɛ yɛn kɔmputa so nwoma a wobɛtumi atɔ no wɔ yɛn kɔmputa so dwadibea no so wɔ https://www.book.bolingoconsult.com. “Akatua Akwan” kyerɛ akwan a wobɛtumi afa so de sika ato yɛn wɛbsaete no so de atɔ adeɛ.
Yɛde wɔn a wɔgyina yɛne wo ntam simpie a wɔfrɛ no Stripe no dwumadie di dwuma ma deɛ yɛne no redi dwa no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛde nwoma no bɛma no na yɛde adi akatua no ho dwuma.
“Simpie” kyerɛ yɛn wɛbsaete no. ℇyɛ asɛm a yɛde ma yɛn wɛbsaete no ne yɛn kɔmputa so dwadibea no. “Sika a yɛresane atua ama wo Nhyehyɛeɛ” yɛ nhyehyɛeɛ a yɛnam so sane tua wo sika ma wo berɛ a watwa akatua bi mu no.
Mesrɛ wo kenkan kɔ anim fa yɛn sikatua, ntwamu, ne sika a yɛresane atua ama wo nhyehyɛeɛ no ho. “ℇboɔ” kyerɛ ɛboɔ a ɛda nwoma no anaa deɛ woayɛ ho nhyehyɛeɛ sɛ wobɛtɔ no so.
“Obi a ɔde di dwuma” kyerɛ obiara a ne din ne ne ho nsɛm wɔ yɛn wɛbsaete no so. Ↄtɔfoɔ no, onipa bi a ɔka ho, ne onipa biara ka wei ho.
ↃFA 3 – MMARA A ℇMA OBI KWAN MA NO TWERℇ N’ADWENE
Bolingo Communications and Media Consult LLC’s mu nsɛm, dwumadie, ne nneɛma a yɛtɔn no mu nkyerɛkyerɛmu ne nsɛm ahodoɔ a ɛnam wɛbsaete no so kura nneɛma, nsɛm, mfonin, ne atwerɛsɛm (a wɔka bɔ mu frɛ no “ɛmu nsɛm”) a ɛfiri Bolingo Communications and Media Consult LLC ɛnna afei wɛbsaete ahodoɔ a wɔnam dwadibea no dwumadie so de wɔn ho adɔm yɛn deɛ no bɛma wo.
Wiase mmara a ɛma obi kwan wɔ n’atwerɛ ho no bɔ nsɛm sei nyinaa ho ban.
Wontumi mfa yɛn wɛbsaete no din, adwinneɛ a ɛgyina hɔ ma no, ne adeɛ biara a yɛadi no adwini a ɛboa ma no tu mpɔn, anaa adwinneɛ biara a ɛwɔ yɛn wɛbsaete no so nni dwuma wɔ berɛ a yɛnnim ho hwee wɔ atwerɛ mu.
Yɛn wɛbsaete no nso bɛtumi awɔ ahyɛnsodeɛ, adwinneɛ, ne nsɛm bi a mmara ma wɔn a wɔde wɔn ho adɔm yɛn ne wɔn a wɔhyɛ yɛn ase no ho kwan ɛnna wogye to mu sɛ mmara, ahyɛnsodeɛ ne mmara afoforɔ a ɛma obi ho kwan ma no kyerɛ n’adwene sɛdeɛ ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma bɔ nneɛma a yɛda no adi anaa ɛfa so (agye sɛ wɔn a wɔgyina yɛne wo ntam wɔ yɛn dwumadie mu a mmara ma wɔn ho kwan) no nyinaa ho ban ɛnna yɛka no pefee wɔ yɛn wɛbsaete no so ɛsiane wo ho nsɛm ne yɛn dwumadie nko ara nti.
Wontumi nyɛ nsɛm anaa nneɛma biara a ɛwɔ yɛn wɛbsaete no so sɛso, nyɛ ho nsiesie, nsakra mu, ntwe, mfa nkɔto baabi, mmɔ ho dawuro, nkyɛ, ntɔn anaa nnane mma obi agye sɛ yɛde atwerɛ ama wo ho kwan.
ↃFA 4 – AHIADEℇ NE DEℇ ↃDE DI DWUMA NO AKAONTO NO HO ASℇDEℇ.
Bolingo Communications and Media Consult LLC, bɛtumi ama wo akwanya ama wo nsa aka yɛn nnwuma de adi wo dwuma. Saa akwanya yi ne dwuma a wode bɛdie no yɛ wo nko ara w’asɛm ne w’asɛdeɛ ɛnna ɛyɛ w’ankasa dwuma a wode redi a womfa nni adwumakuo bi ho dwuma.
Wogye to mu sɛ ansa na bɛnya yɛn dwumadie ho kwan no, ɛbɛhia sɛ wobɛma yɛn nsɛm bi a ɛfa wo ho a weinom bɛtumi aka ho bi nanso ɛnyɛ ɛno nko ara: Edin.
Imeeli Adrɛɛse. Nsɛm afoforɔ binom wɔ hɔ a wode bɛka ho, mesrɛ wo hwehwɛ yɛn Kokoamsɛm Nhyehyɛeɛ no mu na nya nkyerɛmu pii.
Obi a ɔde wɛbsaete yi di dwuma akaonto ho nsɛm dwumadie bi te sɛ nɔma a ɔde bɛbɔ ho ban, ɛmu nsɛm, mfonin ne nneɛma afoforɔ bi yɛ ɔno ankasa n’asɛdeɛ na ɛmfa yɛn wɛbsaete no ho wɔ kwan biara so.
Bio, wɔn a wɔde di dwuma no mfonin a wɔde bɛto so ne ɛho nsɛm nhyehyɛeɛ ne akaonto no kokoansɛm nyɛeɛ nso bɛyɛ wɔn ara asɛdeɛ.
Yɛbɛtumi aboaboa nsɛm a ɛfa wo ho, afoforɔ a wɔde di dwuma ho, ne wo dwuma a wokɔdi no wɛbsaete no so berɛ a wobɛkɔ hɔ ano (yɛnam intanɛɛte so adeɛ a ɛboaboa wo ho nsɛm ano no so) na yɛahwɛ nsɛm bi papayɛ /mudie.
Wogye to mu sɛ yɛde Kokoamsɛm Nhyehyɛeɛ no bɛhwɛ nsɛm biara a yɛbɛboaboa ano anaa yɛnam dwuma a wode wɛbsaete no die no so bɛnya no so.
Wote aseɛ na wogye tom sɛ dwumadie biara a ɛbɛkɔ so wɔ wo mfonin a ɛda hɔ no ase no hyɛ wo nsa na ɛyɛ w’asodie.
ℇsane nso yɛ wo ara w’asɛdeɛs sɛ wobɛbɔ wo nɔma a wode bɔ ho ban ne w’ankasa wo ho nsɛm no ho ban.
Sɛ yɛhunu sɛ dwumadie bi rekɔ so wɔ wo mfonin no ase a ɛnsɛ, ɛnyɛ dɛ, anaa ɛyɛ dwadie a, ɛmfa ho sɛ ɛyɛ bammɔ no ho nsɛm na wɔabu so anaa wo mfonin a ɛda hɔ no ho mfomsoɔ bi, wɔ yɛn ankasa pɛ mu no, yɛbɛtumi ayi wo afiri yɛn dwumadie no biara so anaa ne nyinaa so.
ↃFA 5 – AKWANSIDEℇ NE DWUMADIE A YℇSI NNIPA A WↃDE DI DWUMA NO KWAN WↃ HO.
Wogye tom sɛ yɛbɛsi wo dwumadie a ɛdidi soɔ yinom ho kwan dennennen wɔ yɛn wɛbsaete no dwumadi no ho, enti ɛnni kwan sɛ:
Wode akaonto bi a ɛnyɛ wo deɛ anaa sɛ wo anaa deɛ ɔgyina yɛne wo ntam no na ayɛ sɛ mode bɛbɔ apoo/ akaonto a ɛnyɛ papa kɔ Bolingo Communications and Media Consult LLC’s dwumadie so.
Wode wo ho hyɛ dwumadie biara a mmara mma ho kwan, de dwumadie biara a mmara mma ho kwan yɛ nhwɛsoɔ anaa wode yɛn dwumadie no di dwuma wɔ deɛ ɛte saa mu, nneɛma, wɛbsaete no, anaa nsɛm yɛ deɛ mmara mma ho kwan, anaa sɛ wobu mmara biara, nhyehyɛeɛ anaa biribiara a mmara ma ho kwan so (a deɛ akwansideɛ biara nni ho, mmara a ɛfa nsɛm ho bammɔ ho, kokoamsɛm, akansie a ɛnyɛ, mmara a ɛbɔ nnipa a ɛnam wɔn bɔbea nti wɔyɛ wɔn ho nyiyimu no ho ban, dawubɔ a ɛmfa kwan mu, mmara a ɛma obi kwan ma ɔtwerɛ n’adwene, bammɔ ahodoɔ ka ho).
Wonya anaa sɛ wobɛyɛ sɛ wobɛnya kwan anya yɛn wɛbsaete dwumadie no anaa wɔn a wɔgyina yɛne wo ntam no mfidie, nɛtwɛɛke anaa akaonto no mu biara ho kwan berɛ a mmara mpene so.
Sɛ wo nsa ka nsɛm a ɛnyɛ wo deɛ, worekɔ akaonto a wonni ho akwanya mu, worehwehwɛ mfidie biara bammɔ nsɛm mu, nɛtwɛɛke, anaa akaonto, anaa worekɔnenam ho, anaa worebu ɔkwan a yɛfa so hunu sɛ biribi yɛ nokorɛ no animtia anaa mfidie biara ho bammɔ foforɔ, anaa akaonto.
Wobu mmara no so, wokɔnenam ho, yɛ adwumakuo no nneɛma no bi pɛpɛɛpɛ de ɛho nsɛm no ara di dwuma, hwehwɛ nɔma a ɛbɔ ho ban no mu pɛ nɔma a ɛyɛ deɛ aka no farebae, bue bammɔ nɔma no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛnnuru deɛ yɛde reyɛ ho, wobɔ wura mu anaa sɛ wode bammɔ mfidie no bi di agorɔ ma afoforɔ akwanya, dwumadie no ho nsɛm anaa wotwe kɔ baabi foforɔ anaa wotwe adeɛ biara a mmara mma ho kwan sie, anaa woyɛ sɛ woreboa obi anaa woboa obi ma no yɛ saa nneɛma yi mu biara wɔ wɛbsaete no so anaa fa wɛbsaete no dwumadie ho.
Wode adeɛ biara a yɛde hwehwɛ/twe nsɛm, adeɛ a yɛde di abɛɛfo mfidisɛm no ho dwuma, anaa adeɛ biara a yɛde twe adeɛ anaa de biribi to yɛn wɛbsaete no nkyekyɛmu anaa ɔfa biara so.
Wode biribi kɔto hɔ, de mane, gye no wɔ anidaho mu, da no adi, kyɛ ma afoforɔ (a atwerɛsɛm, adwinneɛ, mfonin, nnwom, nsɛm a wɔatwe agu afidie so, kɔmputa ho nnwuma, lenke ahodoɔ anaa adeɛ a yɛde mfonin to mu ka ho a akwansidie biara nni ho) a ɛnyɛ adeɛ kann a ɛfiri w’ankasa adwene mu na ɛbɛtumi abu mmara a ɛbɔ ho ban no so anaa sɛ ɛne no nkɔ, mmara a wode rebɔ ho dawuro, akwanya a ɛwɔ ho, adwumakuo ahyɛnsodeɛ, dwumadie ahyɛnsodeɛ, adwuma din, mmara a yɛde kata adwumakuo no anim, adwuma no ahintasɛm anaa afoforɔ mmara a ɛma kwan ma obi twerɛ n’adwene ahodoɔ, (a deɛ ɛdidi soɔ yi nyinaa ka ho a akwansideɛ biara nni mu, sɛ worepepa deɛ ɔtwerɛfoɔ bi ayɛ, mmara ho nkaebɔ, adwumakuo no ahyɛnsodeɛ ho nkaebɔ, agye sɛ nnipa a ne deɛ no de atwerɛ ama wo ho kwan).
Wode yɛn wɛbsaete no adeɛ a ɛda no adi, ahyɛnsodeɛ, edin, na wohwɛ na wo kɔn dɔ sɛ wode di dwadie dwuma agye sɛ wɔde atwerɛ ama wo ho kwan. Wosane yi sika a woatua de retɔ nwoma no.
ↃFA 6 – MMARA A ℇMA YℇN HO KWAN MA YℇPO NNEℇMA BI.
Nsɛm ne nneɛma a ɛwɔ yɛn wɛbsaete no soɔ no yɛ deɛ ɛrekɔ so biara ne nkaebɔ dwumadie nko ara. ℇnni sɛ wogyina botaeɛ biara so de wo ho to adeɛ anaa nsɛm biara so, a sɛ wode redi dwuma no ho gyinaesie, adetɔn, ne yɛn nwoma no ho dwumadie, kɔmputa so nneɛma, ne dwumadie a ɛne yɛn wɛbsaete no wɔ ayɔnkofa ka ho (nanso ɛnyɛ sɛ ɛyɛ wei nko ara a bi nka ho).
Yɛnnye asodie biara ntom anaa mmara biara nkyeyere yɛn wɔ biribiara a wobɛhwere anaa ɛbɛsɛe ɛsiane sɛ wode wo ho too yɛn wɛbsaete no nsɛm so no ho.
ℇnyɛ yɛn asodie anaa mmara biara nkyekyere yɛn sɛ wohwere biribi anaa biribi sɛe ɛsiane mfidie anaa mfidie so nkitahodie ho haw biara a wobɛnya berɛ a wobɛkɔ yɛn dwumadie ahodoɔ no so no a sɛ biribi rebɛtware sɛ worekɔ wɛbsaete no so no, ɔkyɛre, bammɔ mmaratoɔ, sɛ obi rewia wo su de adi nsɛmmɔne, mfidie so nyarewa, anaa nɔma a ɛdeda so a ɛde ɔhaw ba ka ho (nanso ɛnyɛ ɛno nko ara a ebi nka wo). Wogye tom sɛ yɛbɛtumi ayi yɛn wɛbsaete no (anaa yɛn wɛbsaete no fa bi) a nneɛma ɛwɔ so no afiri so mmerɛ bi a yɛntumi nkyerɛ, anaa yɛbɛtumi atwa wɔn a wɔde di dwuma no dintwerɛ no mu berɛ biara a yɛmmɔ wo nkaeɛ mu.
ↃFA 7 – MMARA A ℇMA YℇN KWAN MA YℇTUMI PO AGYINAMUDIE AKYI ASℇM.
Wogye tom sɛ berɛ a wode yɛn wɛbsaete no redi dwuma yi ɔkwan biara nni hɔ a yɛde reyɛ agyinamudie, akagyinamu, anaa yɛgye sɛdeɛ biribi a wobɛyɛ wɔ yɛn wɛbsaete no so ho nsɛm ne deɛ ɛbɛfiri mu aba yieyɛ to yɛn ho so. Yɛde nsɛm no bɛto hɔ sɛ-ɛyɛ ɛnna yɛte aseɛ sɛ wo nkunimdie kɛseɛ anaa wo nkugudie kɛseɛ bɛfiri wo mmɔdemmɔ, wo tebea pɔtee bi a wowɔ mu, ne nsɛm ahodoɔ pii bi a ɛboro Bolingo Communications and Media Consult LLC no ahoɔden ne/anaa nimdeɛ so.
Ankorɛankorɛ biara nkunimdie gyina ne nkyi, n’atuhoakyɛ, n’apɛdeɛ ne ne nkuranhyɛ so. ℇsɛ sɛ, sɛ wode yɛn nsɛm, wɛbsaete, nneɛma, ne yɛn dwumadie redi dwuma no gyina sɛdeɛ w’ankasa w’ani ku ho so, ɛnna wogye tom sɛ mmara biara nkekyere yɛn wɔ wo nkunimdie anaa w’adwuma nkugudie ne yɛn nwoma no tɔ, dwumadie ne kɔmputa so nneɛma nya twaka wɔ kwan bi so ho.
Wogye tom sɛ wo nkunimdie ne wo nkugidie bɛyɛ w’ankasa w’asodie ne w’asɛdeɛ.
ↃFA 8 – AKYIGYINA.
Wɔn a wɔde di dwuma, nsrahwɛfoɔ, adetɔfoɔ ne obiara a ɔde yɛn nneɛma di dwuma anaa ɔde adi di dwuma wɔ kwan biara so pɛn no gye tom sɛ ɔbɛbɔ obiara a ɔne Bolingo Communications and Media Consult LLC’s wɛbsaete no ne adwumakuo no wɔ ayɔkofa ho ban, agyina n’akyi, na ɔnnya adwemmɔne biara mma wɔne adwumakuo no, wɔn a ɛyɛ wɔn dea, atwerɛfoɔ, kuo no ne ɛmu mpanimfoɔ, wɔn a wɔde wɔn ho adɔm yɛn, ne obiara a ɔne yɛn wɔ ayɔnkofa afiri anaa atia kabɔ nsɛm biara, a asɛnnibea ka taa akyire, a ɛbɛfiri asɛm biara mu aba wɔ kwan biara so.
ↃFA 9 – NSAKRAEℇ NE NSIESIE.
Yɛwɔ ho kwan biara sɛ berɛ biara a yɛpɛ mu no, yɛyɛ nsakraeɛ, asesa, de bi aka ho, apepa, anaa akora Mmara, Nhyehyɛeɛ, anaa nsɛm a ɛwɔ Bolingo Communications and Media Consult LLC’s wɛbsaete no so a sɛ yɛde nhyehyɛeɛ ne Mmara foforɔ reba anaa yɛde bi rebɛka deɛ ɛwɔ hɔ no ho no ho wɔ berɛ a yɛnni kan mmɔ wo nkaeɛ.
ℇno akyiri no yɛbɛgye wo dwumadie wɔ yɛn wɛbsaete no so no atom.
ↃFA 10 – MMUAEℇ NE NKITAHODIE
Sɛ wowɔ nkasaho, asɛmmisa no mmuaeɛ foforɔ biara, ne yɛn dwumadie no ho mmoa adesrɛ biara a ɛyɛ wo den a, hwɛ sɛ wode nsɛm a ɛdi soɔ yi ne yɛn bɛdi nkitaho info@bolingoconsult.com.